Guidance

Notice of rights and entitlements Twi (PACE Code C) (accessible version)

Updated 27 January 2020

Kae tumi a wowɔ aberɛ a wɔakyere wo.

Mmara a ɛwɔ England ne Wales si tumi ne banbɔ a ɛdidi soɔ yi

so dua. Mmara yi yɛ mmara a ɛfua EU Directive 2012/13 so a ɛfa tumi a wowɔ fa amanneɛbɔ biara a ɛfa kɔɔt nsɛm ho.

Wɔabɔ wo tumi biara a wowɔ wɔ polis station no tɔfa wɔ krataafa yi so.

Wɔbɛhu nsɛm a ɛhia biara nso wɔ paragraph 1 de kɔsi 11 wɔ krataafa a ɛdidi soɔ no mu.

Wɔatwerɛ biribiara wɔ Polis Code a ɛhyɛ Practice C ase.

  1. Berɛ a wowɔ polis station no, sɛ wohia lɔya a, kakyerɛ polisfoɔ no. Worentua sika biara.
  2. Wohia sɛ wɔkakyerɛ obi baabi a wowɔ a, kakyerɛ polis. Worentua sika biara.
  3. Sɛ wopɛ sɛ wohu polisfoɔ mmara a wɔfrɛ no Codes of Practice a, kakyerɛ polisfoɔ no.
  4. Sɛ wohia sɛ wobɛhu dɔkta a, kakyerɛ polisfoɔ no. Sɛ woyare anaasɛ woapira a, kakyerɛ polisfoɔ no. Worentua sika biara.
  5. Sɛ wɔbisa wo bɔne bi wɔgye sɛ woayɛ a, wopɛ a na wobua. Nanso sɛ wɔbisa wo asɛm bi na woammua a, akyire no, worentumi mfa mmuaeɛ no a anka ɛwɔsɛ wobua no nni adanseɛ wɔ kɔɔt. Wɔde asɛm biara a wobɛka bɛdi wo ho adanseɛ.
  6. Ɛwɔ sɛ polisfoɔ no kyerɛ wo bɔne ko a woayɛ. ɛne deɛ nti a wɔakyere wo.
  7. Ɛwɔ sɛ polisfoɔ no ma wo anaasɛ wo lɔya kwan na mohu nkrataa biara a ɛfa wo ho, na wohu deɛ nti a wɔakyere wo, ɛne mmerɛ a wobɛdi wɔ polis station.
  8. Sɛ wohia obi a ɔbɛkyerɛ kasa a woka ase a, ɛwɔ sɛ polisfoɔ ma wo obi. Wɔbɛtumi akyerɛ wo nkrataa biara ase ama wo nso. Worentua sika biara.
  9. Sɛ womfiri Britain na wopɛ sɛ wohu wo Embassy, anaasɛ wopɛ sɛ wɔn aso te sɛ wɔakyere wo a, kakyerɛ polisfoɔ no. Worentua sika biara.
  10. Ɛwɔ sɛ polisfoɔ no kyerɛ mmerɛ dodoɔ a wobɛtena polis station ansa na woakɔ fie.
  11. Sɛ wɔbɔ wo soboɔ bi na wɔde w’asɛm no kɔ kɔɔt a, wo ne wo lɔya no nyinaa, mobɛtumi abisa nea ɔde soboɔ no abɔ wo no adanseɛ ansa na moakɔ kɔɔt.

Sɛ wonte wo tumi yi bi ase a, ka kyerɛ polisni a ɔwɔ hɔ no

Wobɛhu nsɛm a ɛfa sɛdeɛ ɛwɔ sɛ polisfoɔ hwɛ wo so no wɔ nkrataafa a ɛdidi nsɛm a wɔabɔ no tɔfa no so

Saa krataa yi a ɛfa mmara a wɔfrɛ no “ Notice of Rights and Entitlements” bɛfiri aseɛ afiri 21 Ɔsanaa 2019

Fa saa krataa yi sie, na kenkan ɛmu nsɛm ntɛm pa ara so. Ɛbɛboa wo ama woahu deɛ ɛwɔ sɛ woyɛ berɛ a wowɔ polis station hɔ.

1. Sɛ wohia Lɔya a ama no aboa wo a, deɛ ɛwɔ sɛ wohu:

  • Lɔya bɛtumi ama wo afotuo a ɛfa mmara ho.
  • Sɛ wobisa lɔya a, ɛno nkyerɛ sɛ woayɛ bɔne bi.
  • Polisni no a wowɔ ne nkyɛn no bɛbisa wo sɛ wohia lɔya anaa. Worentua sika biara.
  • Ɛwɔ sɛ polisfoɔ no ma wo kwan na wone wo lɔya kasa mmerɛ biara a wowɔ polis station hɔ, awia o, anadwo o.
  • Sɛ wo bisa sɛ wopɛ lɔya a, polisfoɔ no nni ho kwan sɛ wɔbisa wo asɛm biara, gye sɛ wone wo lɔya no akasa ansa. Sɛ polisfoɔ no bisa wo asɛm bi a, wobɛtumi afrɛ wo lɔya na wabɛtie bi.
  • Sɛ woka sɛ wonhia lɔya na wosesa w’adwen a, ka kyerɛ polisni no a ɔhwɛ wo so no, na waboa wo anya lɔya.
  • Sɛ lɔya biara amma, anaa sɛ wopɛ sɛ wone lɔya no kasa bio a, ka kyerɛ polisfoɔ no na wɔmmoa wo.

MMOA A ƐFA NSƐM A EMU NYƐ DEN HO A WOBƐTUMI ANYA AFIRI LƆYA HƆ A WORENTUA HO KA:

  • Sɛ asɛm no mu nyɛ den a, wobɛtumi anya mmara mu afutuo a worentua ho ka. Wɔyɛ wei wɔ tɛlɛfon so nko ara, na Criminal Defence Service (CDS) Direct adwumayɛfoɔ bɛtumi aboa wo, nanso ɛwɔ sɛ lɔya bi ankasa ba polis station hɔ bɛboa wo aberɛ a:
    • Polisfoɔ no pɛ sɛ wɔbisa wo asɛm bi fa bɔne bi ho anaa sɛ, aberɛ a obi ayɛ bɔne bi a wɔafrɛ nnipa aba sɛ wɔmmɛhyɛ nnipa a ɔyɛɛ bɔne no nso
    • Wohia mmoa bi firi ‘ɔpanyin bi a ɔsɛ” hɔ. Kenkan deɛ wɔatwerɛ wɔ “nnipa a wɔhia mmoa” no mu.
    • Wontumi nkasa wɔ tɛlɛfon so, anaa sɛ
    • Woaka sɛ polisfoɔ no ayɛ wo biribi a ɛnyɛ.

ƐNYƐ CDS DIRECT NKOA ARA NA WƆMA MMARA MU NƐSM HO AFOTUO WƆ TƐLƐFON SO:

  • Wobɛtumi abisa ama wɔafrɛ lɔya biara a wonim no. Ɛwɔ sɛ ɔyɛ lɔya a ɔyɛ adwuma de boa ɔman a, worentua wei ho ka. Sɛ wonnim lɔya biara anaa sɛ wonsa anka lɔya a wonim no a, wɔbɛtumi akasa akyerɛ lɔya biara a waba adwuma na waboa wo. Worentua n’adwuma ho ka.
  • Lɔyafoɔ no ne polisfoɔ no nnyɛ adwuma mmɔ mu.

KWAN A WƆFA SO DE NYA LƆYA A WƆRENTUA N’ADWUMA HO KA:

  • Polisfoɔ no bɛfrɛ Defence Solicitor Call Centre (DSCC). DSCC no bɛhwehwɛ lɔya afiri CDS Direct, anaa sɛ wɔbɛfrɛ lɔya a woabisa n’ase ama wo, anaa sɛ wɔbɛbisa Duty Solicitor na wahwehwɛ bi ama wo.
  • DSCC no ne CDS Direct yɛ nnwumakuo a wɔboa nnipa ma wɔnya lɔya a wɔntua ho sika biara, nanso wɔnyɛ adwuma mmɔ mu. Afei nso, wɔne polisfoɔ nni hwee yɛ.

SƐ W’ANKASA WOPƐ SƐ WOTUA LƆYA HO KA A:

  • Berɛ biara, sɛ wopɛ a, w’ankasa wobɛtumi atua wo ka biara a wobɛbɔ afa kɔɔt nsɛm ho.
  • Sɛ wo nsa anka mmara ho mmoa a CDS Direct de ma wɔ tɛlɛfon so a, w’ankasa wobɛtumi ahwehwɛ lɔya ama wo ho, nanso wobɛtua no ka. Sɛ ɛba saa a, DSCC no bɛtumi afrɛ wo lɔya no na ɔne no akasa ama so.
  • Wo nkoaa wobɛtumi ne wo lɔya a woakɔfa no no akasa wɔ kokoam, anaa sɛ wɔbɛtumi aba polis station hɔ ne wo abɛkasa.
  • Sɛ wo nsa anka lɔya a wofrɛɛ no a, polisfoɔ no bɛtumi afrɛ Duty Solicitor na wɔawehwɛ lɔya bi ama wo a worentua n’adwuma ho ka.

2. Sɛ Wopɛ Sɛ Woka kyerɛ Obi Sɛ Wowɔ Polis Station a:

  • Wobɛtumi ama polisfoɔ no afrɛ obi aka akyerɛ no sɛ wowɔ polis station. Worentua ka biara.
  • Wɔbɛboa wo afrɛ nnipa no ama wo ntɛm pa ara so.

3. Ahyɛdeɛ a Ɛwɔ sɛ Wɔyɛ (Codes of Practice)

  • Saa Ahyɛdeɛ (Codes of Practice) a ɛkyerɛ deɛ ɛwɔ sɛ wɔyɛ no yɛ mmara bi a ɛbɛkyerɛ wo deɛ polisfoɔ bɛtumi ayɛ ne deɛ wɔrentumi nyɛ aberɛ a wowɔ polis station hɔ.
  • Polisfoɔ bɛtumi ama wo akenkan mmara no, nanso worentumi ɛnnyɛ wei sɛ ɛbɛ seɛ mmerɛ bebree a, nkenkan mmara no aberɛ a polisfoɔ no retwɛn ahwɛ w’asɛm no mu.
  • Sɛ wopɛ sɛ wokenkan mmara no a, ka kyerɛ Police Custody Officer no.

4. Sɛ woyare wɔ Polis station hɔ a

  • Sɛ woyare anaa sɛ wohia aduro bi a, bisa polisfoɔ no. Wɔbɛfrɛ dɔkta anaa sɛ nɛɛs ama wo a worentua ho ka.
  • W’ankasa wobɛtumi de w’aduro akɔ, nanso polisfoɔ no bɛhwɛ aduro no ansa na woanom aduro no. Mpɛn pii no, ɛyɛ nɛɛs na ɔbɛhwɛ wo, nanso sɛ wohia dɔkta a, polisfoɔ no bɛtumi afrɛ bi ama wo. W’ankasa nso wobɛtumi ahwehwɛ wo dɔkta, nanso wo ara na wobɛtua dɔkta no ka.

5. Tumi a wowɔ sɛ worenkasa

Sɛ wɔbisa wo asɛm biara fa deɛ wɔse woayɛ no a, wowɔ ho kwan sɛ woyɛ koom.

Nanso sɛ wɔbisa wo asɛm bi na woammua a, akyire no, worentumi mfa mmuaeɛ no a anka ɛwɔsɛ woma no nni adanseɛ wɔ kɔɔt.

Wɔ betumi de asɛm biara a wobɛka bɛdi wo ho adanseɛ.

6. Ɛwɔ sɛ wohu bɔne a wɔse woayɛ ɛne deɛ nti a wɔakyere wo no

  • Ɛwɔ sɛ polisfoɔ no kyerɛ bɔne a wɔse woayɛ no. Afei nso, ɛwɔ sɛ wɔkyerɛ wo berɛ ne baabi a woyɛɛ bɔne no.
  • Ɛwɔ sɛ polisfoɔ no ka kyerɛ wo deɛ nti a wɔgyedi sɛ wo na woyɛɛ bɔne no, ɛne deɛ nti wɔgyedi sɛ ɛwɔ sɛ wɔkyere wo.
  • Sɛ wokɔduru polis station hɔ a, ɛwɔ sɛ wɔkyerɛ wo deɛ nti a ɛwɔ sɛ wɔgye wo tena hɔ.
  • Ansa na wɔbɛbisa wo asɛmmisa biara no, ɛwɔ sɛ polisfoɔ no ma wo ne wo lɔya hu asɛm no nyinaa mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛtumi aka mo asɛm. Nanso, polisfoɔ no bɛyɛ wei sɛdeɛ ɛremmfa ɔhaw biara mma nhwehwɛmu no mu.
  • Sɛ wɔse woayɛ bɔne biara nso bio a, wɔbɛyɛ deɛ yɛakeka ho nsɛm yi nyinaa bio.

7. Nkrataa a ɛfa kyere a wɔakyere wo no ho

  • Sɛ polisfoɔ kyere wo a, ɛwɔ sɛ polisfoɔ no yɛ weinom:
    • Wɔtwerɛ deɛ nti wɔakyere wo no ne deɛ nti a ɛwɔ sɛ wotena polis station hɔ
    • Ɛwɔ sɛ wɔma wo ne wo lɔya hwɛ nkrataa no mu bi. Polis panin no bɛhwɛ ama wɔayɛ weinom.
  • Sɛ wɔse woayɛ bɔne biara nso bio a, wɔbɛyɛ deɛ yɛakeka ho nsɛm yi nyinaa bio.
  • Ɛwɔ sɛ polisfoɔ no ma wone wo lɔya no kwan na mohwɛ nkrataa biara a ɛhia a wɔbɛtumi de a abɔ wo ho ban sɛdeɛ wɔremma wo ntena polis station hɔ.

8. Sɛ wohia obi a ɔbɛtwerɛ akyerɛ wo kasa ase anaasɛ obi a ɔde n’ano bɛkyerɛ wo kasa ase a.

  • Sɛ wonte Engresi kasa a, polisfoɔ no bɛboa wo ama woanya obi a ɔte wo kasa na wakyerɛkyerɛ wo Engresi kasa no ase de aboa wo. Worentua sika biara.
  • Sɛ wonte asɛm, anaa sɛ wontumi nkasa papa a, polisfoɔ bɛhwehwɛ obi a ɔde nsatia kasa a wɔfrɛ no ‘British Sign Language’ ama no aboa wo. Worentua sika biara.
  • Sɛ wonte Engresi kasa ase a, polisfoɔ bɛma wo obi a ɔbɛkyerɛ wo kasa no ase. Wɔbɛkyerɛ wo deɛ nti a wɔakyere wo, na wɔakyerɛ wo soboɔ a wɔde abɔ wo. Polisfoɔ bɛyɛ wei aberɛ biara a wɔbɛkyere wo ato sɛl mu anaasɛ polis dan biara mu.
  • Berɛ biara a polisfoɔ de soboɔ bi bɛbɔ wo na wɔakyere wo ato mu no, wɔbɛma wo krataa bi wɔ wo kasa mu. Saa krataa yi bɛkyerɛ wo bɔne a wɔayɛ ne soboɔ a wode abɔ wo. Sɛ wɔankyerɛ wo deɛ nti a wɔakyere wo a, na ɛyɛ biribi nti. Nnoɔma a ɛdidi soɔ yi bi nti na wɔremma wo krataa biara:
    • Sɛ wokyerɛ polisfoɔ no sɛ wote biribiara a ɛrekɔ so ase, ɛno nti wonhia krataa biara a wode bɛbɔ wo ho ban. Anaasɛ wonim nsunsuansoɔ a deɛ woreyɛ no de bɛba, na afei nso polisfoɔ no ama wo kwan sɛ lɔya bi mmoa wo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtumi asi w’adwen pi. Sɛ ɛba saa a, ɛwɔ sɛ wotwerɛ krataa de kɔma polisfoɔ no.
    • Sɛ nipa a ɔkyerɛ kasa ase no anom nsɛm nko ara yɛ ma wo, na wote biribiara ase, na wonhia sɛ ɔbɛtwerɛ n’asɛm no ama wo. Sɛ ɛba saa a, ɛwɔ sɛ polisni a ɔwɔ adwuma saa da no ma wo ho kwan.
  • Sɛ polisfoɔ no bisa wo asɛm na wɔamfa nsɛmmisa no angu audio tape so a, nnipa a ɔkyerɛ kasa ase no bɛtwerɛ nsɛm no ne mmuaeɛ a womaeɛ no wɔ wo kasa mu. Wobɛkenkan ansa na wode wo nsa ahyɛ aseɛ sɛ deɛ ɛwɔ krataa no so no yɛ nokorɛ.
  • Sɛ wopɛ sɛ wotwerɛ krataa bi de kɔma polisfoɔ a, nnipa a ɔkyerɛ kasa mu no bɛyɛ krataa no bi wɔ w’ankasa kasa mu de ama wo akenkan ansa na w’asae aseɛ sɛ ɛyɛ nokorɛ.
  • Wobɛtumi ama obi atwerɛ akyerɛ wo Kɔkɔbɔ yi ase, anaasɛ obi a ɔde n’ano bɛkyerɛ wo ase ntɛm pa ara so.

9. Embassy anaasɛ Consulate hɔ mmoagye

Sɛ wonyɛ Bretenni a, wobɛtumi aka akyerɛ polisfoɔ no sɛ wopɛ sɛ wohu wo High Commission, Embassy anaa sɛ Consulate aka akyerɛ wɔn baabi a wowɔ, ɛne deɛ nti a wowɔ Polis station.

Wɔbɛtumi abɛsra wo, anaa sɛ wɔbɛtumi ahwehwɛ lɔya ama wo.

10. Nna ahe anaa sɛ dɔnhwerɛ ahe na obi bɛtumi ada sɛl?

  • Wɔbɛtumi ama woada sɛl dɔnhwerɛ 24 a wɔmmɔɔ wo soboɔ biara. Nanso Polis Superintendent anaa sɛ kɔɔt bi bɛtumi ama woada sɛl mu aboro dɔnhwerɛ 24 no. Sɛ dɔnhwerɛ 36 du a, kɔɔt nko ara na wɔbɛtumi ahyɛ sɛ wɔnkɔso mfa wo nto sɛl mu a wɔmmɔɔ wo soboɔ biara.
  • Sɛ ɛba saa a, ɛwɔ sɛ polis panin bi kɔ so ara ahwɛ w’asɛm no mu aberɛ a wowɔ sɛl hɔ. Wɔfrɛ wei ‘review’ ɛna polisini no yɛ deɛ ɔyɛ ‘review’ no. Sɛ w’adwene mu nha wo nko ara deɛ a, wowɔ tumi sɛ wokasa fa to a wɔde wo ato sɛl no mu akyɛ no ho abrɛ a wore twerɛ de agu krataa so, anaa sɛ wo ankasa wore ka akyerɛ polisini a ɔyɛ ‘review’ no anaa sɛ wo na television so nsawɔsodie so. Wo lɔya nso wɔ tumi sɛ ɔkasa fa sɛl a woda mu no ho asɛm ma wo.
  • Sɛ panin no a ɔreyɛ nhwehwɛmu no annyaa wo a, ɛwɔ sɛ wɔma wo nkyerɛkyerɛmu, na wɔtwerɛ to hɔ.
  • Sɛ kyere a wɔakyere wo no, ɛho nhia a, ɛwɔ sɛ wɔgyaa wo. Polisfoɔ no ka kyerɛ wo sɛ wɔ kɔso ayɛ nhwehwɛmu a, ɛbetumi aba sɛ wɔ bɛma wo bail anaa sɛ wɔ wɔama wo bail. Sɛ wɔ ma wo bail a, ɛwɔ sɛ wɔ ma krataa a ɛbɛkyerɛ wo sɛ ɛwɔ sɛ wo san kɔ polis statyen hɔ ɛne nhyehyɛeɛ foforɔ biara a ɛwɔ ho.
  • Sɛ a polis pɛsɛ wɔ srɛ kɔɔt sɛ wɔnkɔ so ara mfa wo ntom:
    • Ɛwɔ sɛ wɔde wo ba kɔɔt na wɔbɛtie w’asɛm agye sɛ Television so nsawɔsodie wɔ a ɛbɛma wo atumi ahunu nnipa a wɔn wɔ kɔɔt hɔ na wo asan ate wɔn nka na wɔn nso ate wo nka.
    • Television so nsawɔdie no ntumi mma so agye sɛ polisini a ɔhwɛ wo so no ehunu no sɛ ɛfata, na lɔya nso ama wo ɛho afutuo ama wo agye atom.
    • Ɛwɔ sɛ wɔma wo krataa a ɛdi adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ ɛwɔ sɛ wɔma wo tena polis station hɔ.
    • Wowɔ tumi sɛ wonya lɔya wɔ abrɛ a kɔɔt asɛmtie no rekɔ so.
    • Berɛ a kɔɔt no apene so sɛ polisfoɔ no mma wo ntena polis station hɔ, anaasɛ wɔ berɛ a kɔɔt no nim sɛ polisfoɔ no reyɛ nhwehwɛmu bi a ɛhia a wɔrensɛe mmerɛ
  • Sɛ polisfoɔ no wɔ adanseɛ bi nti a wɔde wo bɛkɔ kɔɔt a, wɔde soboɔ bɛbɔ wɔ wɔ polis station hɔ ara, na wɔde wo akɔ kɔɔt sɛ wɔnkɔdi w’asɛm.

11. Sɛ wokɛ kɔɔt a, kwan won hsa bɛtumi aka adanseɛ bi.

Sɛ wɔse woayɛ bɔne bi na wɔde soboɔ bɔ wo a, ɛwɔ sɛ wɔma wo lɔya no hu adanseɛ a wɔde abɔ wo soboɔ no, na ɔde atumi aboa wo. Ɛwɔ sɛ lɔya no hu adanseɛ no ansa na wɔadi w’asɛm. Polisfoɔ no ne Crown Prosecution Service ɛwɔ sɛ wɔ hwɛ hyehyɛ wei na wɔ bɛma nsa bɛka nkrataa ne biribiara a wobɛhia no .

Nnoɔma bi a ɛwɔ sɛ wohu , aberɛ a wowɔ polis station hɔ

Ɔkwan a ɛwɔ sɛ wɔfa so hwɛ wo

Weinom yɛ nsɛmfua a ɛkasa fa nnoɔma bi a ɛwɔ sɛ wohu aberɛ a wowɔ polis station hɔ. Sɛ wopɛ sɛ wote biribiara ase a, hwɛ ɔfa a wɔfrɛ no Codes of Practice no. Wɔatwerɛ sɛdeɛ wobɛhwehwɛ deɛ wohia nyinaa wɔ hɔ. Sɛ wowɔ asɛmmisa bi a, bisa polisni no a ɔhwɛ wo so no.

Nnipa a wɔhia mmoa

  • Sɛ wonnii mfeɛ 18, anaa sɛ wowɔ mmerɛeɛ a anaa sɛ wowɔ adwen mu yareɛ bi a, ɛwɔ sɛ wonya obi a ɔbɛka wo ho aberɛ a polisfoɔ no rebisa wo nsɛm no. Saa nnipa a ɔka wo ho no, wɔfrɛ no “appropriate adult” (ɔpanin bi a ɔsɛ), na ɔno nso, wɔbɛma no Kɔkɔbɔ no bi.
  • Ɛwɔ sɛ ɔpanyin no a ɔsɛ no no bɛhwɛ sɛ wo bɛte deɛ ɛrekɔ so no ase na wɔ ahwɛ wo yiedie so. Ɛwɔ sɛ ɔwɔ hɔ aberɛ a polisfoɔ no reka mmara tumi a wowɔ no akyerɛ wo, anaa sɛ aberɛ a polisfoɔ no rekyerɛ wo deɛ nti a wowɔ sɛl hɔ. Sɛ polisfoɔ no rebɔ wo kɔkɔ nso a, ɛwɔ sɛ ɔpanin no a ɔsɛ no wɔ hɔ bi.
  • Ɔpanin no a ɔsɛ no nso bɛtumi abisa lɔya ama wo.
  • Sɛ wopɛ a, wobɛtumi ne wo lɔya no akasa aberɛ a ɔpanin a ɔsɛ no nni hɔ bi.
  • Polisfoɔ no bɛtumi ayɛ deɛ ɛdidi soɔ yi mu baako berɛ a wowɔ Polis station hɔ. Agye sɛ nsɛm soronko bi wɔ hɔ, ɛnte saa a, ɛwɔ sɛ ɔpanin a ɔsɛ no wɔ hɔ bi mmerɛ no nyinaa mu:
    • Wɔbɛtumi abisa wo nsɛm anaa sɛ wɔbɛtumi ama wo atwerɛ krataa bi anaasɛ wɔbɛtumi ama wo asae polis nkrataa.
    • Wɔbɛtumi ayi w’ataadeɛ ahwehwɛ wo ho.
    • Wobɛyɛ fingerprint, anaasɛ wɔbɛtwa wo foto, anaasɛ wɔbɛyɛ wo DNA
    • Wɔbɛtumi ayɛ biribiara a wɔbɛtumi de adi wo ho adanseɛ
  • Ɛwɔ sɛ ɔpanin no a ɔsɛ no nya kwan na n’ankasa wɔ hɔ bi anaasɛ ɔwɔ tɛlɛfon so de boa wo berɛ a polisfoɔ no reyɛ nhwehwɛmu a wɔdehwɛ sɛ ɛwɔ sɛ wɔgyaa wo anaa.
  • Sɛ ɔpanin no wɔ hɔ a, ɛwɔ sɛ ɔwɔ hɔ aberɛ a polisfoɔ no de soboɔ rebɔ wo no.

Sɛ wopɛ sɛ wohu mmerɛ a wobɛdi wɔ Polis Station a.

  • Wɔbɛtwerɛ deɛ ɛbɛsi biara wɔ Polis station hɔ. Wɔfrɛ wei sɛ ‘Custody Record’ – wei yɛ wo ho nsɛm, aberɛ a wowɔ Polis station hɔ.
  • Sɛ wofiri Polis station hɔ a, wo lɔya no anaa sɛ ɔpanin biara bɛtumi abisa agye ‘Custody Record’ no ahwɛ. Polisfoɔ no bɛma wo ‘Custody Record’ krataa no bi, ntɛm pa ara so.
  • Sɛ wofiri Polis station hɔ a, mmerɛ a wowɔ ho kwan sɛ wobisa ‘Custody Record’ no yɛ abosome 12.

Kae w’abusuafoɔ ne wo nnamfo

  • Sɛ wowɔ lɔya anaa sɛ aberɛ a woaka akyerɛ obi sɛ wowɔ Polis station no, wɔbɛma wo de tɛlɛfon afrɛ nnipa baako aka no ho bio.
  • Sɛ wopɛ sɛ wode tɛlɛfon frɛ a, bisa polisfoɔ no.
  • Wobɛtumi abisa pɛn (anaa sɛ kyerɛwdua) ne krataa a wobɛtwerɛ so.
  • Wobɛtumi agye ahɔhoɔ, nanso ɛwɔ sɛ polisfoɔ no pene so.

Sɛl a woda mu

  • Sɛ ɛbɛ yɛ a, anka ɛwɔ sɛ woda w’ankasa sɛl mu.
  • Ɛwɔ sɛ sɛl no mu te, na kanea wɔ mu, na emu nso nyɛ nwun dodo.
  • Ɛwɔ sɛ ntoma a ɛwɔ wo mpa so no ho te.
  • Ɛwɔ sɛ tiafi ne adwareɛ wɔ hɔ.

Ankorankorɛ adehiadeɛ -  apomuden, ahonidie ɛne wo yiedie ho

  • Ɛwɔ sɛ wɔ bisa sɛ wo pɛ sɛ wone afiase adwumayɛfoɔ no bi kasa wɔ kokoam de fa wo ankorankorɛ adehiadeɛ a ɛfa wo apomuden, ahonidie ɛne wo yiedie ho a wogyidi sɛ ebenya wo so nsuansuansoɔ anaa ɔhaw abrɛ wo da mu no.
  • Apolisififoɔ bɛhwɛ ama wo anya nneɛma a wɔgyidi ɛho behia ama wo. Sɛ wo pɛ a, nnipa wone no bɛkasa no ne wo bɛwɔ bɔbeasu krɔ.
  • Sɛ wo yɛ ɔbaa a wo adi mfeɛ 18 anaa deɛ ɛboro saa a, ɛwɔ sɛ wɔ bisa wo sɛ wo behia nneɛma a wode besiesie woho abrɛ a wo abu wo nsa wɔ mmerɛ a wo da mu no. Na ɛwɔ sɛ wɔ ka wei kyerɛ wo:
    • Wo ntua hwee wɔ nneɛma no ho;
    • nneɛma no si ananmu wɔ hɔ; ɛna
    • Wo abusuafoɔ anaa wo namfonom betumi nso de nneɛma wɔn ankasa betua ho ka aba sɛ afiase adwumayɛfoɔ no pene so saa a.
  • Sɛ woyɛ ɔbaa a wo adi mfeɛ 18, afiase adwumayɛfoɔ no bɛhwɛ sɛ ɔbaa panyin bi bɛwɔ hɔ a ɔbɛhwɛ wo so ne wo adehiadeɛ nyinaa ɛne sɛ wo bu wo nsa a.

Ntaadeɛ

Sɛ wɔgye w’ataadeɛ a, ɛwɔ sɛ polisfoɔ no ma wo biribi hyɛ.

Aduane ne Deɛ Wobɛnom

Ɛwɔ sɛ wodidi mprɛnsa, a deɛ wobɛnom ka ho. Sɛ woadidi awie na wohia biribi anom a, ɛwɔ sɛ wɔde ma wo wɔ sɛl hɔ.

Wobɛtumi atenetene w’apɔ mu

Sɛ ɛbɛyɛ a, ɛwɔ sɛ wɔma wo kwan na wotumi firi ba abɔnten bɛgye mframa da biara da.

Berɛ a Polisfoɔ rebisa wo nsɛm no

  • Ɛwɔ sɛ dan no mu te, na kanea wɔ mu, na emu nyɛ nwun dodo.
  • Ɛnni sɛ wogyina hɔ.
  • Ɛwɔ sɛ polisfoɔ no bɔ wɔn din ne wɔn dibea kyerɛ wo,
  • Sɛ ɛduru mmerɛ a ɛwɔ sɛ wodidi a, ɛwɔ sɛ wɔma wo kwan na wokɔ didi. Afei nso. Sɛ wotena ase dɔnhwerɛ mmienu biara a, ɛwɔ sɛ wɔma wo kwan na wokɔ nom biribi.
  • Sɛ wobɛda sɛl hɔ dɔnhwerɛ 24 a, woanna koraa no, ɛwɔ sɛ wotumi da dɔnhwerɛ 8.

Ɔsom Ho Asɛm

Sɛ wohia biribi a ɛfa wo nyamesom ho a, ka kyerɛ polisfoɔ no na wɔmmoa wo. Wɔbɛtumi ama wo nhoma ne nnoɔma biara a ɛhia.

Mmerɛ bi wɔ hɔ a, wɔsakra mmara no mu

Berɛ a worehwehwɛ lɔya a ɔbɛboa wo

Mmerɛ bi wɔ hɔ a, polisfoɔ no bɛpɛ sɛ wɔne wo bɛdi nkɔmmɔ ansa na lɔya abɛboa wo. Wɔaka nsɛm a ɛfa mmerɛ yi ho wɔ

Ahyɛdeɛ (Codes of Practice) a Ɛwɔ Sɛ Wɔyɛ no mu. Saa nwoma yi kyerɛ deɛ polisfoɔ bɛtumi ayɛ ne deɛ polisfoɔ rentumi nyɛ aberɛ a wowɔ Polis station hɔ. Sɛ wopɛ sɛ wokenkan nsɛm yi wɔ nwoma no mu a, wobɛhu no wɔ nkyekyɛmu 6.6 hɔ.

Mmerɛ bi wɔ hɔ a, polisfoɔ remma wo kwan mma wone wo lɔya a woapaw no no nkasa. Sɛ ɛba saa a, wɔbɛma wo kwan afa lɔya foforɔ. Sɛ wopɛ sɛ wokenkan ho asɛm a, ɛwɔ Code C mu Annex B wɔ Ahyɛdeɛ (Codes of Practice) a Ɛwɔ Sɛ wɔyɛ no mu.

Berɛ a worebɔ obi amanneɛ sɛ wowɔ Polis station

Mmerɛ bi wɔ hɔ a, polisfoɔ no remma wo kwan mma wone obiara nkasa. Wobɛtumi akenkan nsɛm a ɛfa wei ho wɔ Ahyɛdeɛ (Codes of Practice) a Ɛwɔ Sɛ Wɔyɛ no mu. Ɛwɔ Code C mu Annex B.

Sɛ woanom nsa de reka kar anaa nnurobɔne ho nsɛmmɔne

Sɛ wonom nsa de ka kar na polisfoɔ kyere wo anaa nnurobɔne ho nsɛmmɔne a, wobɛtumi afrɛ lɔya. Nanso polisoɔ ka sɛ wɔpɛ sɛ wɔsɔ wo hwɛ sɛ woanom nsa anaa, anaa sɛ wɔpɛ sɛ wɔhwɛ wo mmogya anaa wo dwensɔ mu ansa na lɔya aba a, mmara biara nsi wɔn ho kwan.

Polisfoɔ bɛtumi agyina Mmara 1983 a ɛfa adwen mu yareɛ so akyere obi

Sɛdeɛ Mmara a Ɛfa Adwen mu Yareɛ kyerɛ no, polisfoɔ bɛtumi akyere wo sɛ wo adi mfeɛ 18 anaa wo boro a, ɛna ɛnam sɛ ɛbetumi aba sɛ wo suban no betumi de epira kɛseɛ anaa owuo abrɛ wo anaa afoforɔ a, na ɛnfata sɛ wɔ de wo bɛto baabi foforɔ biara a. Wɔgye di sɛ ɔwɔ adwen mu yareɛ de no akɔ polis station. Sɛ polisfoɔ agyina saa mmara yi so akyere wo a, ɛno nkyerɛ sɛ woayɛ bɔne bi.

Sɛ ɛba saa a, polisfoɔ no bɛfrɛ dɔkta ne obi a ɔhwɛ adwen mu na wɔabɛhwɛ wo. Ɛwɔ sɛ dɔktafoɔ no bɛhwɛ wo ansa na dɔnhwerɛ 24 aduru ntɛm fri berɛ a wɔde wo too polis stahyen hɔ, nanso polisfoɔ no bɛyɛ deɛ wɔbɛtumi de ama dɔktafoɔ no aba ntɛm so. Wɔ polis stahyen bi no, wɔ betumi de nnɔnhwere 12 aka nnɔnhwere 24 no ho sɛ dɔkota susu sɛ ɛfata na polis panyin bi gyetom a. Polisfoɔ no bɛtumi ayi wo afiri Polis station hɔ de wo akɔ baabi foforɔ a wɔbɛhwɛ wo.

Berɛ a woretwɛn ama wɔahwɛ w’adwen mu no, polisfoɔ bɛtumi afrɛ dɔkta ama no abɛhwɛ wo ansa. Ɛnyɛ dɔkta no na ɔbɛyɛ nhwehwɛmu no. Ɔno deɛ, sɛ yareɛ bi ha wo a, ɔbɛboa wo, na wakyerɛkyerɛ wo nhwehwɛmu no a wɔbɛyɛ no mu.

Amantam Hɔ Ahɔhoɔ A Wɔbɛsra Wɔn A Wɔda Sɛl

Nnipa bi wɔ amantam biara a wɔwɔ ho kwan sɛ, mpofiri mu no, wɔtumi kɔ nsrahwɛ wɔ Polis station a wɔnto nkra biara. Wɔyɛ adwuma a wɔnye akatua, na Engresi kasa mu no, wɔfrɛ wɔn ‘Independent custody visitors’. Wɔn adwuma ne sɛ wɔbɛhwɛ sɛ polisfoɔ bɛhwɛ wɔn a wɔda sɛl so yie a wɔrensi wɔn fawohodie ho kwan.

Worentumi ne saa nsrahwɛfoɔ yi nkasa. Afei nso, worentumi mfrɛ wɔn mu bi sɛ wɔmmɛ sra wo. Sɛ nsrahwɛfoɔ no bi bɛsra wo wɔ sɛl a, na ɔde n’ankasa pɛ na ɔde rebɛhwɛ wo. Sɛ ɛba saa a, a ɔne polisfoɔ biara renyɛ adwuma. Nanso, na sɛ sɛ wopɛ a, sɛ ɔba saa a, wone no renkasa.

Sɛ biribi ha wo na wopɛ sɛ wobɔ amanneɛ a

Sɛ polisfoɔ bi anhwɛ wo so yie na wopɛ sɛ woka w’asɛm kyerɛ obi a, kɔhu polisni a ɔyɛ Inspector anaa polisni a ɔyɛ panin sen Inspector. Sɛ wɔyi wo firi sɛl hɔ nso a, wobɛtumi de w’asɛm no akɔ Polis station biara anaa sɛ Asoɛe a ɛde ne ho na ɛhwɛ Polisifoɔ Suban ho nsɛm (IOPC) anaa sɛ wobɛtumi aka w’asɛm no akyerɛ lɔya biara, anaa sɛ wobɛtumi aka akyerɛ wo MP na waboa wo.