Guidance

Notice of rights and entitlements Twi (PACE Code H) (accessible version)

Updated 23 January 2020

Amumɔyɛsɛm Mmara 2000

Kae tumi a wowɔ aberɛ a wɔakyere wo

Mmara a ɛwɔ England ne Wales si tumi ne banbɔ a ɛdidi soɔ yi so dua. Mmara yi yɛ mmara a ɛfua EU Directive 2012/13 so a ɛfa tumi a wowɔ fa amanneɛbɔ biara a ɛfa asɛnnebea nsɛm ho.

Wɔabɔ wo tumi biara a wowɔ wɔ polis station no tɔfa wɔ krataafa yi so.

Wɔbɛhu nsɛm a ɛhia biara nso wɔ nkyekyem 1 de kɔsi 11 wɔ krataafa a ɛdidi soɔ no mu.

Wɔatwerɛ biribiara wɔ Polisifoɔ mmra a wɔde sua adeɛ (Code of Practice) H ase.

  1. Berɛ a wowɔ polis station no, sɛ wohia ɔkasamafoɔ a, ka kyerɛ polisfoɔ no. Worentua sika biara.
  2. Wohia sɛ wɔka kyerɛ obi baabi a wowɔ a, ka kyerɛ polisifoɔ no. Worentua sika biara.
  3. Sɛ wopɛ sɛ wohu polisfoɔ mmara a wɔfrɛ no Codes of Practice a, ka kyerɛ polisfoɔ no.
  4. Sɛ wohia sɛ wobɛhu dɔkta a, ka kyerɛ polisfoɔ no. Sɛ woyare anaasɛ woapira a, ka kyerɛ polisfoɔ no. Worentua sika biara.
  5. Sɛ wɔbisa wo asɛm bi fa biribi a wɔgyedi sɛ woayɛ a anaa fa amumɔ yɔsɛm ho a, wopɛ a mɛmmua. Nanso sɛ wɔbisa wo asɛm bi na woammua a, akyire no, worentumi mfa mmuaeɛ no a anka ɛwɔ sɛ wobua no nni adanseɛ wɔ asɛnnebea. Wɔde asɛm biara a wobɛka bɛdi wo ho adanseɛ.
  6. Ɛwɔ sɛ polisfoɔ no kyerɛ wo bɔne ko a wɔgyedi sɛ woayɛ, ɛne deɛ nti a wɔakyere wo.
  7. Ɛwɔ sɛ polisfoɔ no ma wo anaasɛ wo ɔkasamafoɔ kwan na mohu nkrataa biara a ɛfa wo ho, na wohu deɛ nti a wɔakyere wo, ɛne mmerɛ a wobɛdi wɔ polis station.
  8. Sɛ wohia obi a ɔbɛkyerɛ kasa a woka ase a, ɛwɔ sɛ polisfoɔ ma wo obi. Wɔbɛtumi akyerɛ wo nkrataa biara ase ama wo nso. Worentua sika biara.
  9. Sɛ womfiri Britain na wopɛ sɛ wohu wo Embassy, anaasɛ wopɛ sɛ wɔn aso te sɛ wɔakyere wo a, kakyerɛ polisfoɔ no. Worentua sika biara.
  10. Ɛwɔ sɛ polisfoɔ no kyerɛ mmerɛ dodoɔ a wobɛtena polis station ansa na woakɔ fie.
  11. Sɛ wɔbɔ wo soboɔ bi na wɔde w’asɛm no kɔ asɛnnebea a, wo ne wo ɔkasamafoɔ no nyinaa, mobɛtumi abisa nea ɔde soboɔ no abɔ wo no adanseɛ ansa na moakɔ asɛnnebea.

Sɛ wonte wo tumi yi bi ase a, ka kyerɛ polisni a ɔwɔ hɔ no

Wobɛhu nsɛm a ɛfa sɛdeɛ ɛwɔ sɛ polisfoɔ hwɛ wo so no wɔ nkrataafa a ɛdidi nsɛm a wɔabɔ no tɔfa no so

Saa krataa yi a ɛfa mmara a wɔfrɛ no “ Notice of Rights and Entitlements” bɛfiri aseɛ afiri 21 Ɔsanaa 2019

Yɛsrɛ fa saa krataa yi sie, na kenkan ɛmu nsɛm ntɛm pa ara so. Ɛbɛboa wo ama woahu deɛ ɛwɔ sɛ woyɛ berɛ a wowɔ polis station hɔ.

1. Sɛ wohia Ɔkasamafoɔ ama no aboa wo a, deɛ ɛwɔ sɛ wohu:

  • Ɔkasamafoɔ bɛtumi ama wo afotuo a ɛfa mmara ho.
  • Sɛ wobisa ɔkasamafoɔ a, ɛno nkyerɛ sɛ woayɛ bɔne bi.
  • Polisni no a wowɔ ne nkyɛn no bɛbisa wo sɛ wohia ɔkasamafoɔ anaa. Worentua sika biara.
  • Ɛwɔ sɛ polisfoɔ no ma wo kwan na wone wo ɔkasamafoɔ kasa mmerɛ biara a wowɔ polis station hɔ, awia o, anadwo o.
  • Sɛ wo bisa sɛ wopɛ ɔkasamafoɔ a, polisfoɔ no nni ho kwan sɛ wɔbisa wo asɛm biara, gye sɛ wone wo kasamafoɔ no akasa ansa. Sɛ polisfoɔ no bisa wo asɛm bi a, wobɛtumi afrɛ wo ɔkasamafoɔ no na wabetie bi.
  • Sɛ woka sɛ wonhia ɔkasamafoɔ na wosesa w’adwen a, ka kyerɛ polisni no a ɔhwɛ wo so no, na waboa wo anya ɔkasamafoɔ.
  • Sɛ ɔkasamafoɔ biara amma, anaa sɛ wopɛ sɛ wone ɔkasamafoɔ no kasa bio a, ka kyerɛ polisfoɔ no na wɔmmoa wo.
  • Wobɛtumi abisa a ma wɔama wo ne ɔkasamafoɔ a wonim no akasa. Sɛ ɔkasamafoɔ no yɛ mmara nsɛm ho mmoayɛ adwuma a, worentua sika biara. Sɛ wonnim ɔkasamafoɔ biara, anaasɛ wo nsa nka ɔkasamafoɔ a wonim no a, wone adwumayɛfo a ɔhwɛ mmara nsɛm so no bɛtumi akasa. Wɔrennye wo sika biara.
  • Adwumayɛni a ɔhwɛ mmara nsɛm so no ne polisfoɔ no nnyɛ adwuma mmɔ mu.

KWAN A WƆFA SO DE NYA ƆKASAMAFOƆ A WƆRENTUA N’ADWUMA HO KA:

  • Polisfoɔ no bɛfrɛ Asoɛe a wɔma ɔkasamafoɔ no (DSCC). DSCC no bɛhwehwɛ ɔkasamafoɔ ama wo, , anaa sɛ wɔbɛbisa ɔkasamafoɔ a ɔyɛ adwuma saa bere no.
  • DSCC no yɛ adwumakuo a wɔboa nnipa ma wɔnya ɔkasamafoɔ a wɔntua ho sika biara, nanso wɔnyɛ adwuma mmɔ mu. Afei nso, wɔne polisfoɔ nni hwee yɛ.

SƐ W’ANKASA WOPƐ SƐ WOTUA ƆKASAMAFOƆ NO KA A:

  • Berɛ biara, sɛ wopɛ a, w’ankasa wobɛtumi atua wo ka biara a wobɛbɔ afa asɛnnebea nsɛm ho.
  • DSCC no bɛtumi afrɛ wo ɔkasamafoɔ no na ɔne no akasa ama so.
  • Wo nkoaa wobɛtumi ne wo ɔkasamafoɔ a woakɔfa no no akasa wɔ kokoam, anaa sɛ wɔbɛtumi aba polis station hɔ ne wo abɛkasa.
  • Sɛ wo nsa anka ɔkasamafoɔ a wofrɛɛ no a, polisfoɔ no bɛtumi afrɛ Duty Solicitor na wɔahwehwɛ ɔkasamafoɔ bi ama wo a worentua n’adwuma ho ka.

2. Sɛ Wopɛ Sɛ Woka kyerɛ Obi Sɛ Wowɔ Polis Station a:

  • Wobɛtumi ama polisfoɔ no afrɛ obi aka akyerɛ no sɛ wowɔ polis station. Worentua ka biara.
  • Wɔbɛboa wo afrɛ nnipa no ama wo ntɛm pa ara so.

3. Yɛhwɛ mmra nsɛm a wɔde di dwuma

  • Saa Ahyɛdeɛ (Codes of Practice) a ɛkyerɛ deɛ ɛwɔ sɛ wɔyɛ no yɛ mmara bi a ɛbɛkyerɛ wo deɛ polisfoɔ bɛtumi ayɛ ne deɛ wɔrentumi nyɛ abere a wowɔ polis station hɔ.
  • Polisfoɔ bɛtumi ama wo akenkan mmara no, nanso worentumi ɛnnyɛ wei sɛ ɛbɛ seɛ mmerɛ bebree a, nkenkan mmara no aberɛ a polisfoɔ no retwɛn ahwɛ w’asɛm no mu.
  • Sɛ wopɛ sɛ wokenkan mmara no a, ka kyerɛ Polisini a wo hyɛ ne nsa no.

4. Sɛ woyare wɔ Polis station hɔ a ɔkwan a wobɛfa so anya ayaresa

  • Sɛ woyare anaa sɛ wohia aduro bi a, bisa polisfoɔ no. Wɔbɛfrɛ dɔkta anaa sɛ nɛɛs ama wo a worentua ho ka.
  • W’ankasa wobɛtumi de w’aduro akɔ, nanso polisfoɔ no bɛhwɛ aduro no ansa na woanom aduro no. Mpɛn pii no, ɛyɛ nɛɛs na ɔbɛhwɛ wo, nanso sɛ wohia dɔkta a, polisfoɔ no bɛtumi afrɛ bi ama wo. W’ankasa nso wobɛtumi ahwehwɛ wo dɔkta, nanso wo ara na wobɛtua dɔkta no ka.

5. Tumi a wowɔ sɛ worenkasa

Sɛ wɔbisa wo asɛm biara fa amumɔyɛsɛm dwumadie a wɔse woayɛ anaasɛ woaboa ama wɔayɛ ho a, wowɔ ho kwan sɛ woyɛ koom.

Nanso sɛ wɔbisa wo asɛm bi na woammua a, akyire no, worentumi mfa mmuaeɛ no a anka ɛwɔsɛ woma no nni adanseɛ wɔ asɛnnebea.

Wɔ betumi de asɛm biara a wobɛka bɛdi wo ho adanseɛ.

6. Ɛwɔ sɛ wohu bɔne a wɔse woayɛ ɛne deɛ nti a wɔakyere wo

  • Ɛwɔ sɛ polisfoɔ no kyerɛ wo ma wote deɛ nti wɔakyere wo no ase. Afei nso, ɛwɔ sɛ wɔtumi kyerɛ wo deɛ nti a wɔgye di sɛ woayɛ anaasɛ woaboa amumɔyɛsɛm dwumadie bi.
  • Sɛ wokɔduru polis station hɔ a, ɛwɔ sɛ wɔkyerɛ wo deɛ nti a ɛwɔ sɛ wɔgye wo tena hɔ.
  • Ansa na wɔbɛbisa wo asɛmmisa biara afa amumɔyɛsɛm dwumadie biara a wɔse woayɛ ho no, ɛwɔ sɛ polisfoɔ no ma wo anaasɛ wo ɔkasamafoɔ hu asɛm no nyinaa mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛtumi aka mo asɛm. Nanso, polisfoɔ no bɛyɛ wei sɛdeɛ ɛremmfa ɔhaw biara mma nhwehwɛmu no mu.
  • Sɛ wɔse woayɛ bɔne biara nso bio a, saa ara nso na polisfoɔ no bɛyɛ.

7. Nkrataa a ɛfa kyere a wɔakyere wo no ho

  • Sɛ polisfoɔ kyere wo a, ɛwɔ sɛ polisfoɔ no yɛ yeinom:
    • Wɔtwerɛ deɛ nti a wɔakyere wo no ne deɛ nti a ɛwɔ sɛ wotena polis station hɔ
    • Ɛwɔ sɛ wɔma wo ne wo ɔkasamafoɔ hwɛ nkrataa no mu bi. Polis panin no bɛhwɛ ama wɔayɛ weinom.
  • Ɛwɔ sɛ polisfoɔ no ma wone wo ɔkasamafoɔ no kwan na mohwɛ nkrataa biara a ɛhia a wɔbɛtumi afa mmara kwan so de a abɔ wo ho ban sɛdeɛ wɔremma wo ntena polis station hɔ.

8. Sɛ wohia obi a ɔbɛtwerɛ akyerɛ wo kasa ase anaasɛ obi a ɔde n’ano bɛkyerɛ wo kasa ase a.

  • Sɛ wonte Engresi kasa a, polisfoɔ no bɛboa wo ama woanya obi a ɔte wo kasa na wakyerɛkyerɛ wo Engresi kasa no ase de aboa wo. Worentua sika biara.
  • Sɛ wonte asɛm, anaa sɛ wontumi nkasa papa a, polisfoɔ bɛhwehwɛ obi a ɔde nsatia kasa a wɔfrɛ no ‘British Sign Language’ ama no aboa wo. Worentua sika biara.
  • Sɛ wonte Engresi kasa ase a, polisfoɔ bɛma wo obi a ɔbɛkyerɛ wo kasa no ase. Wɔbɛkyerɛ wo deɛ nti a wɔakyere wo, na wɔakyerɛ wo soboɔ a wɔde abɔ wo. Polisfoɔ bɛyɛ wei aberɛ biara a wɔbɛkyere wo ato sɛl mu anaasɛ polis dan biara mu.
  • Berɛ biara a polisfoɔ de soboɔ bi bɛbɔ wo na wɔakyere wo ato mu no, wɔbɛma wo krataa bi wɔ wo kasa mu. Saa krataa yi bɛkyerɛ wo bɔne a wɔayɛ ne soboɔ a wode abɔ wo. Sɛ wɔankyerɛ wo deɛ nti a wɔakyere wo a, na ɛyɛ biribi nti. Nnoɔma a ɛdidi soɔ yi bi nti na wɔremma wo krataa biara:
    • Sɛ wokyerɛ polisfoɔ no sɛ wote biribiara a ɛrekɔ so ase, ɛno nti wonhia krataa biara a wode bɛbɔ wo ho ban. Anaasɛ wonim nsunsuansoɔ a deɛ woreyɛ no de bɛba, na afei nso polisfoɔ no ama wo kwan sɛ ɔkasamafoɔ bi mmoa wo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtumi asi w’adwen pi. Sɛ ɛba saa a, ɛwɔ sɛ wotwerɛ krataa de kɔma polisfoɔ no.
    • Sɛ nipa a ɔkyerɛ kasa ase no anom nsɛm nko ara yɛ ma wo, na wote biribiara ase, na wonhia sɛ ɔbɛtwerɛ n’asɛm no ama wo. Sɛ ɛba saa a, ɛwɔ sɛ polisni a ɔwɔ adwuma saa da no ma wo ho kwan.
  • Sɛ polisfoɔ no bisa wo asɛm na wɔamfa nsɛmmisa no angu audio tape so a, nnipa a ɔkyerɛ kasa ase no bɛtwerɛ nsɛm no ne mmuaeɛ a womaeɛ no wɔ wo kasa mu. Wobɛkenkan ansa na wode wo nsa ahyɛ aseɛ sɛ deɛ ɛwɔ krataa no so no yɛ nokorɛ.
  • Sɛ wopɛ sɛ wotwerɛ krataa bi de kɔma polisfoɔ a, nnipa a ɔkyerɛ kasa mu no bɛyɛ krataa no bi wɔ w’ankasa kasa mu de ama wo akenkan ansa na w’asae aseɛ sɛ ɛyɛ nokorɛ.
  • Wobɛtumi ama obi atwerɛ akyerɛ wo Kɔkɔbɔ yi ase, anaasɛ obi a ɔde n’ano bɛkyerɛ wo ase ntɛm pa ara so.

9. Embassy anaasɛ wo asoɛe hɔ mmoagye

Sɛ wonyɛ Bretenni a, wobɛtumi aka akyerɛ polisfoɔ no sɛ wopɛ sɛ wohu wo High Commission, Embassy anaa sɛ wo asoɛe aka akyerɛ wɔn baabi a wowɔ, ɛne deɛ nti a wowɔ Polis station. Wɔbɛtumi abɛsra wo, anaa sɛ wɔbɛtumi ahwehwɛ ɔkasamafoɔ ama wo.

10. Nna ahe anaa sɛ dɔnhwerɛ ahe na obi bɛtumi ada sɛl?

  • Sɛ asɛnnebea ma kwan ansa na wɔbɛtumi de wo ato sɛl 48 a wɔmfaa soboɔ biara mmɔɔ wo. Afei nso, ɛfiri berɛ a wɔkyeree wo no, asɛnnebea no wo tumi sɛ wɔma wɔkɔ so ara de woto sɛl de kɔsi nna 14.
  • Sɛ ɛba saa a, ɛwɔ sɛ wɔyi polis panin bi a ɔbɛkɔ so ara ahwɛ sɛ ɛwɔ sɛ wokɔ so ara da sɛl anaa. Wɔfrɛ wei ‘review’. Sɛ w’adwene mu nha wo nko ara deɛ a, wowɔ tumi sɛ wokasa fa to a wɔde wo ato sɛl no mu akyɛ no ho. Wo ɔkasamafoɔ nso wɔ tumi sɛ ɔkasa fa sɛl a woda mu no ho asɛm ma wo.
  • Sɛ panin no a ɔreyɛ nhwehwɛmu no annyaa wo a, ɛwɔ sɛ wɔma wo nkyerɛkyerɛmu, na wɔtwerɛ to hɔ.
  • Sɛ kyere a wɔakyere wo no, ɛho nhia bio a, ɛwɔ sɛ wɔgyaa wo. Polisfoɔ no bɛtumi akɔso ayɛ nhwehwɛmu aberɛ a wɔama wo bail.
  • Berɛ a polis asrɛ asɛnnebea sɛ wɔnkɔ so ara mfa wo ntom:
    • Ɛwɔ sɛ wɔde wo ba asɛnnebea na wɔbɛtie w’asɛm.
    • Ɛwɔ sɛ wɔma wo krataa a ɛkyerɛ berɛ a wɔbɛfrɛ w’asɛm no, na ɛkyerɛ deɛ nti a wɔpɛ sɛ wɔkɔ so ara ma wo tena polis station hɔ.
    • Wowɔ tumi sɛ wonya ɔkasamafoɔ wɔ asɛnnebea.
    • Berɛ a asɛnnebea no apene so sɛ polisfoɔ no mma wo ntena polis station hɔ, anaasɛ wɔ berɛ a asɛnnebea no nim sɛ polisfoɔ no reyɛ nhwehwɛmu bi a ɛhia a wɔrensɛe wo mmerɛ mma ɛmmoro so.
  • Sɛ polisfoɔ no wɔ adanseɛ bi nti a wɔde wo bɛkɔ asɛnnebea a, wɔde soboɔ bɛbɔ wɔ wɔ polis station hɔ ara, na wɔde wo akɔ asɛnnebea sɛ wɔnkɔdi w’asɛm.

Nhwehɛmu ne berɛ mu to w4 sɛl

  • Ɛtɔ mmerɛ bi a, wɔbɛpɛ sɛ wotena sɛl hɔ ma ɛboro dunhwerɛ 48. Sɛ ɛba saa a, wɔbɛyɛ weinom:
    • wɔbɛtwerɛ krataa a wɔde bɛkyerɛ sɛ wɔato wo mmerɛ mu wɔ sɛl hɔ
    • wɔbɛtwerɛ berɛ a wɔtwerɛɛ saa krataa no
    • wɔbɛtwerɛ berɛ a wɔbɛtie asɛm no wɔ asɛnnebea
    • wɔbɛkyerɛ deɛ nti a wɔpɛ sɛ wɔto w’asɛm no mu wɔ asɛnnebea Berɛ biara a wɔbɛto wo mmerɛ mu wɔ sɛl hɔ no, ɛwɔ sɛ wɔbɔ wo ne wo ɔkasamafoɔ amanneɛ.

11. Sɛ wokƆ asɛnnebea a, kwan a wonsa bɛtumi aka adanseɛ bi.

Sɛ wɔse woayɛ bɔne bi na wɔde soboɔ bɔ wo a, ɛwɔ sɛ wɔma wo ɔkasamafoɔ no hu adanseɛ a wɔde abɔ wo soboɔ no, na ɔde atumi aboa wo. Ɛwɔ sɛ ɔkasamafoɔ no hu adanseɛ no ansa na wɔadi w’asɛm. Polisfoɔ no ne Crown Prosecution Service na ɛwɔ sɛ wɔ hwɛ hyehyɛ wei na wɔ bɛma nsa bɛka nkrataa ne biribiara a wobɛhia no.

Nnoɔma bi a ɛwɔ sɛ wohu , aberɛ a wowɔ polis station hɔ

Ɔkwan a ɛwɔ sɛ wɔfa so hwɛ wo

Weinom yɛ nsɛmfua a ɛkasa fa nnoɔma bi a ɛwɔ sɛ wohu aberɛ a wowɔ polis station hɔ. Sɛ wopɛ sɛ wote biribiara ase a, hwɛ ɔfa a wɔfrɛ no Codes of Practice no.

Wɔatwerɛ sɛdeɛ wobɛhwehwɛ deɛ wohia nyinaa wɔ hɔ. Sɛ wowɔ asɛmmisa bi a, bisa polisni no a ɔhwɛ wo so no.

Nnipa a wohia mmoa

  • Sɛ wonnii mfeɛ 18, anaa sɛ wowɔ mmerɛeɛ a anaa sɛ wowɔ adwen mu yareɛ bi a, ɛwɔ sɛ wonya obi a ɔbɛka wo ho aberɛ a polisfoɔ no rebisa wo nsɛm no. Saa nnipa a ɔka wo ho no, wɔfrɛ no “appropriate adult” (ɔpanin bi a ɔsɛ), na ɔno nso, wɔbɛma no Kɔkɔbɔ no bi.
  • Ɛwɔ sɛ ɔpanyin no a ɔsɛ no bɛhwɛ sɛ wo bɛte deɛ ɛrekɔ so no ase na wɔ ahwɛ wo yiedie so. Ɛwɔ sɛ ɔwɔ hɔ aberɛ a polisfoɔ no reka mmara tumi a wowɔ no akyerɛ wo, anaa sɛ aberɛ a polisfoɔ no rekyerɛ wo deɛ nti a wowɔ sɛl hɔ. Sɛ polisfoɔ no rebɔ wo kɔkɔ nso a, ɛwɔ sɛ ɔpanin no a ɔsɛ no wɔ hɔ bi.
  • Ɔpanin no a ɔsɛ no nso bɛtumi abisa ɔkasamafoɔ ama wo.
  • Sɛ wopɛ a, wobɛtumi ne wo ɔkasamafoɔ no akasa aberɛ a ɔpanin a ɔsɛ no nni hɔ bi.
  • Polisfoɔ no bɛtumi ayɛ deɛ ɛdidi soɔ yi mu baako berɛ a wowɔ Polis station hɔ. Agye sɛ nsɛm soronko bi wɔ hɔ, ɛnte saa a, ɛwɔ sɛ ɔpanin a ɔsɛ no wɔ hɔ bi mmerɛ no nyinaa mu:
    • Wɔbɛtumi abisa wo nsɛm anaa sɛ wɔbɛtumi ama wo atwerɛ krataa bi anaasɛ wɔbɛtumi ama wo asae polis nkrataa.
    • Wɔbɛtumi ayi w’ataadeɛ ahwehwɛ wo ho.
    • Wobɛyɛ fingerprint, anaasɛ wɔbɛtwa wo foto, anaasɛ wɔbɛyɛ wo DNA
    • Wɔbɛtumi ayɛ biribiara a wɔbɛtumi de adi wo ho adanseɛ
  • Ɛwɔ sɛ ɔpanin no a ɔsɛ no nya kwan na n’ankasa wɔ hɔ bi anaasɛ ɔwɔ tɛlɛfon so de boa wo berɛ a polisfoɔ no reyɛ nhwehwɛmu a wɔdehwɛ sɛ ɛwɔ sɛ wɔgyaa wo anaa.
  • Sɛ ɔpanin no wɔ hɔ a, ɛwɔ sɛ ɔwɔ hɔ aberɛ a polisfoɔ no de soboɔ rebɔ wo no.

Sɛ wopɛ sɛ wohu mmerɛ a wobɛdi wɔ Polis Station a.

  • Wɔbɛtwerɛ deɛ ɛbɛsi biara wɔ Polis station hɔ. Wɔfrɛ wei sɛ ‘Custody Record’ – wei yɛ wo ho nsɛm, aberɛ a wowɔ Polis station hɔ.
  • Sɛ wofiri Polis station hɔ a, wo ɔkasamafoɔ no anaa sɛ ɔpanin biara bɛtumi abisa agye ‘Custody Record’ no ahwɛ. Polisfoɔ no bɛma wo ‘Custody Record’ krataa no bi, ntɛm pa ara so.
  • Sɛ wofiri Polis station hɔ a, mmerɛ a wowɔ ho kwan sɛ wobisa ‘Custody Record’ no yɛ abosome 12.

Kae w’abusuafoɔ ne wo nnamfo

  • Sɛ wowɔ ɔkasamafoɔ anaa sɛ aberɛ a woaka akyerɛ obi sɛ wowɔ Polis station no, wɔbɛma wo de tɛlɛfon afrɛ nnipa baako aka no ho bio.
  • Sɛ wopɛ sɛ wode tɛlɛfon frɛ a, bisa polisfoɔ no.
  • Wobɛtumi abisa pɛn (anaa sɛ kyerɛwdua) ne krataa a wobɛtwerɛ so.
  • Wobɛtumi agye ahɔhoɔ, nanso ɛwɔ sɛ polisfoɔ no pene so.

Sɛl a woda mu

  • Sɛ ɛbɛ yɛ a, anka ɛwɔ sɛ woda w’ankasa sɛl mu.
  • Ɛwɔ sɛ sɛl no mu te, na kanea wɔ mu, na emu nso nyɛ nwun dodo.
  • Ɛwɔ sɛ ntoma a ɛwɔ wo mpa so no ho te.
  • Ɛwɔ sɛ tiafi ne adwareɛ wɔ hɔ.

Ankorankorɛ adehiadeɛ -apomuden, ahonidie ɛne wo yiedie ho

  • Ɛwɔ sɛ wɔ bisa sɛ wo pɛ sɛ wone afiase adwumayɛfoɔ no bi kasa wɔ kokoam de fa wo ankorankorɛ adehiadeɛ a ɛfa wo apomuden, ahonidie ɛne wo yiedie ho a wogyidi sɛ ebenya wo so nsuansuansoɔ anaa ɔhaw abrɛ wo da mu no.
  • Apolisififoɔ bɛhwɛ ama wo anya nneɛma a wɔgyidi sɛ ho behia ama wo. Sɛ wo pɛ a, nnipa wone no bɛkasa no ne wo bɛwɔ bɔbeasu krɔ.
  • Sɛ wo yɛ ɔbaa a wo adi mfeɛ 18 anaa deɛ ɛboro saa a, ɛwɔ sɛ wɔ bisa wo sɛ wo behia nneɛma a wode besiesie woho abrɛ a wo abu wo nsa wɔ mmerɛ a wo da mu no. Na ɛwɔ sɛ wɔ ka wei kyerɛ wo:
    • Wo ntua hwee wɔ nneɛma no ho;
    • nneɛma no nsi ananmu wɔ hɔ; ɛna -Wo abusuafoɔ anaa wo namfonom betumi nso de nneɛma a wɔn ankasa betua ho ka aba sɛ afiase adwumayɛfoɔ no pene so saa a.
  • Sɛ woyɛ ɔbaa a wo adi mfeɛ 18, afiase adwumayɛfoɔ no bɛhwɛ sɛ ɔbaa panyin bi bɛwɔ hɔ a ɔbɛhwɛ wo so ne wo adehiadeɛ nyinaa ɛne sɛ wo bu wo nsa a.

Ntaadeɛ

Sɛ wɔgye w’ataadeɛ a, ɛwɔ sɛ polisfoɔ no ma wo biribi hyɛ.

Aduane ne Deɛ Wobɛnom

Ɛwɔ sɛ wodidi mprɛnsa, a deɛ wobɛnom ka ho. Sɛ woadidi awie na wohia biribi anom a, ɛwɔ sɛ wɔde ma wo wɔ sɛl hɔ.

Wobɛtumi atenetene w’apɔ mu

Sɛ ɛbɛyɛ a, ɛwɔ sɛ wɔma wo kwan na wotumi firi ba abɔnten bɛgye mframa da biara da.

Berɛ a Polisfoɔ rebisa wo nsɛm no

  • Ɛwɔ sɛ dan no mu te, na kanea wɔ mu, na emu nyɛ nwun dodo.
  • Ɛnni sɛ wogyina hɔ.
  • Ɛwɔ sɛ polisfoɔ no bɔ wɔn din ne wɔn dibea kyerɛ wo,
  • Sɛ ɛduru mmerɛ a ɛwɔ sɛ wodidi a, ɛwɔ sɛ wɔma wo kwan na wokɔ didi. Afei nso. Sɛ wotena ase dɔnhwerɛ mmienu biara a, ɛwɔ sɛ wɔma wo kwan na wokɔ nom biribi.
  • Sɛ wobɛda sɛl hɔ dɔnhwerɛ 24 a, woanna koraa no, ɛwɔ sɛ wotumi da dɔnhwerɛ 8.

Ɔsom Ho Asɛm

Sɛ wohia biribi a ɛfa wo nyamesom ho a, ka kyerɛ polisfoɔ no na wɔmmoa wo. Wɔbɛtumi ama wo nhoma ne nnoɔma biara a ɛhia.

Mmerɛ wɔsakra mmara no mu

Berɛ a worehwehwɛ ɔkasamafoɔ a ɔbɛboa wo

Mmerɛ bi wɔ hɔ a, polisfoɔ no bɛpɛ sɛ wɔne wo bɛdi nkɔmmɔ ansa na ɔkasamafoɔ abɛboa wo. Wɔaka nsɛm a ɛfa mmerɛ yi ho wɔ Ahyɛdeɛ (Codes of Practice) a Ɛwɔ Sɛ Wɔyɛ no mu. Saa nwoma yi kyerɛ deɛ polisfoɔ bɛtumi ayɛ ne deɛ polisfoɔ rentumi nyɛ aberɛ a wowɔ Polis station hɔ. Sɛ wopɛ sɛ wokenkan nsɛm yi wɔ nwoma no mu a, wobɛhu no wɔ nkyekyɛmu 6.7 a ɛwɔ MmraC a ɛhyɛ Ahyɛdeɛ a Ɛwɔ Sɛ Wɔyɛ hɔ.

Mmerz bi wɔ hɔ a, polisfoɔ remma wo kwan mma wone wo ɔkasamafoɔ a woapaw no no nkasa. Sɛ ɛba saa a, wɔbɛma wo kwan afa ɔkasamafoɔ foforɔ. Sɛ wopɛ sɛ wokenkan ho asɛm a, ɛwɔ Mmra H mu fa Annex B wɔ Ahyɛdeɛ (Codes of Practice) a Ɛwɔ Sɛ Wɔyɛ no mu.

Mmerɛ bi wɔ hɔ nso a polisfoɔ no remma wo kwan mma wone wo ɔkasamafoɔ no nkasa kokoam. Wei yɛ berɛ a polisni panin pa ara bi ama inspector bi a ɔhyɛ ataadeɛ ho kwan sɛ ɔmmɛtie asɛm no bi. Sɛ wopɛ sɛ wokenkan ho asɛm a, wobɛhu no wɔ nkyekyɛmu 6.5 a ɛwɔ Mmra H Ahyɛdeɛ (Codes of Practice) a Ɛwɔ Sɛ Wɔyɛ no mu.

Berɛ a worebɔ obi amanneɛ sɛ wowɔ Polis station

Mmerɛ bi wɔ hɔ a, polisfoɔ no remma wo kwan mma wone obiara nkasa. Wobɛtumi akenkan nsɛm a ɛfa wei ho wɔ Ahyɛdeɛ (Codes of Practice) a Ɛwɔ Sɛ Wɔyɛ no mu. Ɛwɔ Mmra H mu nea ɛka ho B.

Amantam Hɔ Ahɔhoɔ A Wɔbɛsra Wɔn A Wɔda Sɛl

Nnipa bi wɔ amantam biara a wɔwɔ ho kwan sɛ, mpofiri mu no, wɔtumi kɔ nsrahwɛ wɔ Polis station a wɔnto nkra biara. Wɔyɛ adwuma a wɔnye akatua, na Engresi kasa mu no, wɔfrɛ wɔn ‘Independent custody visitors’. Wɔn adwuma ne sɛ wɔbɛhwɛ sɛ polisfoɔ bɛhwɛ wɔn a wɔda sɛl so yie a wɔrensi wɔn fawohodie ho kwan.

Worentumi ne saa nsrahwɛfoɔ yi nkasa. Afei nso, worentumi mfrɛ wɔn mu bi sɛ wɔmmɛ sra wo. Sɛ nsrahwɛfoɔ no bi bɛsra wo wɔ sɛl a, na ɔde n’ankasa pɛ na ɔde rebɛhwɛ wo. Sɛ ɛba saa a, a ɔne polisfoɔ biara renyɛ adwuma. Nanso, na sɛ sɛ wopɛ a, sɛ ɔba saa a, wone no renkasa.

Sɛ biribi ha wo na wopɛ sɛ wobɔ amanneɛ a

Sɛ polisfoɔ bi anhwɛ wo so yie na wopɛ sɛ woka w’asɛm kyerɛ obi a, kɔhu polisni a ɔyɛ Inspector anaa polisni a ɔyɛ panin sen Inspector. Sɛ wɔyi wo firi sɛl hɔ nso a, wobɛtumi de w’asɛm no akɔ Polis station biara anaa sɛ Asoɛe a ɛde ne ho na ɛhwɛ Polisifoɔ Suban ho nsɛm (IOPC) anaa sɛ wobɛtumi aka w’asɛm no akyerɛ ɔkasamafoɔ biara, anaa sɛ wobɛtumi aka akyerɛ wo MP na waboa wo.